Cape Coast

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Cape Coast (About this soundpronouciation of"Cape Coast" ) yɛ mfinimfin mantam a ɛwɔ Ghana no nkuro ti. Ɛyɛ beaeɛ bi a wɔyi nam wɔ hɔ. Cape Coast kuro ka Ghana abakɔsɛm nkuro ho, na ɛhɔ nso na Cape Coast Castle wɔ. Gulf of Guinea wɔ ne anaafoɔ fam. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du (2010) nnipa kan wɔ Ghana mu no, na nnipa a wɔte Cape Coast dodoɔ yɛ mpem ɔha ne aduosia nkron,ahanwɔtwe ne aduokron nan (169,894).[1] Kasa nnipa a wɔte Cape Coast ka ne Fante.

Kuro yi tete din ne Oguaa ne Kotokuraba. Joao de Santarém ne Pedro Escobar a na wɔkyerɛ hyɛn kwan wɔ ɛpo so a wɔbɛfaa Oguaa wɔ afe apem ahanan ne aduoson baako(1471) maa beaeɛ no din Cabo Corso a ɛkyerɛ "short cape" a wɔde nyaa edin Cape Coast firii mu. Cape Coast yɛ beaeɛ bi wɔde afahyɛ ahodoɔ aduasa mmienu (32) wɔ hɔ.[2]

  1. https://web.archive.org/web/20130925192147/http://www.statsghana.gov.gh/docfiles/2010phc/Census2010_Summary_report_of_final_results.pdf
  2. https://theculturetrip.com/africa/ghana/articles/11-fascinating-things-to-know-about-ghanas-cape-coast/

From Wikipedia, the free encyclopedia · View on Wikipedia

Developed by Nelliwinne