Nana Joseph Boakye Danquah | |
---|---|
Ne ho asɛm | |
Awo bere | Joseph Kwame Kyeretwie Boakye Danquah Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ so dunwɔtwe wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduokron num (1895)1 Bepong,Gold Coast |
Owu bere | Ɔgyefuo bosome da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduosia num(1965) Nsawam,Ghana |
Ne man | Ghana |
Amanyɔkuo | United Gold Coast Convention |
Nehokani | Elizabeth Vardon |
Relations | Nana Akufo-Addo (great-nephew)
Kwaku Boateng (brother) J. B. Danquah-Adu (grand-nephew) |
Mma | 4 |
Sukuu a w'akɔ | University of London |
N'adwuma | Mmaranimfoɔ, Amanyɔni |
Joseph Kwame Kyeretwie Boakye Danquah (firi Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ so dunwɔtwe wɔ afe apem ahanwɔtwe ne aduokron num(1895) de kɔ si Ɔgyefoɔ bosome da a ɛtɔ so nan wɔ afe apem ahankron ne aduosia num(1965) ) na ɔyɛ Ghana amanyɔni, ɔbemfo, mmaranimfoɔ san so ka yɛn nananom a wɔko gyee ɔman Ghana sii hɔ no ho. Odii dwuma soronko wɔ berɛ aborofo bɛdii Ghana so ne berɛ wɔkɔeɛ akyi no nso a na wɔfrɛ Ghana Gold Coast no, yɛbɔ ne din sɛ nipa a ɔmaa nnɛ Ghana din.[1] Wɔ ne amanyɔsɛm dwumadie mu no, na ɔka wɔn a na wɔreko tia Kwame Nkrumah a na ɔyɛ Ghana mampanini ne mfahodie pre kuo mu panini. Watson Commission a na wɔrehwehwɛ basabasaeɛ a esii wɔ Nkran wɔ afe apem ahankron ne aduanan nwɔtwe(1948) mu no ka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ "Gold Cost amanyɔsɛm mu nipa wagye din pa ara yɛbu no.[2] Sɛ abakɔsɛm nu ɔbemfoɔ, ɔhwehwɛɛ abakɔsɛm faa Akan nnipakuo ho, na ɔmaa wɔn kuro din a ɛbɛfata wɔn sɛ ɔman no nya mfahodie a. Na ɔpɛ sɛ awoɔ nnidisoɔ hunu wɔn nkyi ne wɔn man ho abakɔsɛm.[3]