His Excellency Nana Akufo-Addo | |
---|---|
![]() Akufo-Addo in 2020 | |
Ghana Manpanyin a ɔtɔso anum(5th) | |
Mprenpren | |
Bere 7 January 2017 | |
Manpanyin Abɛdiakyire | Mahamudu Bawumia |
Odikanfo | John Mahama |
35th Chair of the Economic Community of West African States | |
Mprenpren | |
Bere 2 June 2020 | |
Odikanfo | Mahamadou Issoufou |
25th Minister of Foreign Affairs | |
Bere 1 April 2003 – 1 July 2007 | |
Ɔmanpanyin | John Kufuor |
Odikanfo | Hackman Owusu-Agyeman |
Ananmusini | Akwasi Osei-Adjei |
16th Attorney General of Ghana | |
Bere 7 January 2001 – 1 April 2003 | |
Ɔmanpanyin | John Kufuor |
Odikanfo | Obed Asamoah |
Ananmusini | Papa Owusu-Ankomah |
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Akim Abuakwa South | |
Bere 7 January 2005 – 6 January 2009 | |
Odikanfo | Constituency established |
Ananmusini | Samuel Atta Akyea |
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Akyem Abuakwa | |
Bere 7 January 1997 – 6 January 2005 | |
Odikanfo | Constituency established |
Ananmusini | Constituency abolished |
Ne ho asɛm | |
Awo bere | William Addo Dankwa Akufo-Addo 29 March 1944 Accra, Gold Coast (now Ghana) |
Amanyɔkuo | New Patriotic Party |
Nehokani | Rebecca Griffiths-Randolph |
Mma | 5 |
Parent(s) | Edward Akufo-Addo Adeline Akufo-Addo |
Residence | Jubilee House |
Adesua | New College, Oxford University of Ghana (BSc) Inns of Court School of Law |
Website | Campaign website |
William Addo Dankwa Akufo-Addo a wɔwoo no wɔ Ɔbenem bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem aha-nkron aduanan nan mu no yɛ amanyɔni.[1][2] Ɔyɛ mprempren yi Gaana Mampanin. Wadi mampanin firi Ɔpɛpɔn bosome mfeɛ mpem mmienu ne du-nson (2017).[3][4][5] Ɔdii kan somm sɛ Attorney General firi mfeɛ mpem mmienu ne baako kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa ɛnna ɔsane yɛɛ ɔman soafoɔ a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so firi mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne nson wɔ Kuffor berɛ so na na ɔsane yɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ amanaman ntam nkitahodie so (minister of Foreign Affairs).[2] Seesei ɔredi ne berɛ a ɛtɔ so mmienu sɛ dwamtenani ma Afrika apueɛ fam kuo a wɔfrɛ no Economic Community of West African States (ECOWAS).[6]
Nana Addo dii kan kɔperee Gaana mampanin akonwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe ɛne mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu, ne mmienu nyinaa sɛ New Patriotic Party (NPP), nanso National Democratic Congressni John Evans Atta Mills a ɔgyinaeɛ maa wɔn no dii ne so nkunim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu (2008), ɛnna John Dramani Mahama nso bɛdii so mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu berɛ a John Evans Atta Mills wuiɛ no.
Berɛ a afe 2012 abatoɔ no baa n`awieeɛ no, Nana Addo annye abatoɔ no mu nsunsuansoɔ (election result) no antom nti ɔde asɛm no kɔdanee Ghana asɛnnibea kunini no (supreme court), nanso berɛ a asɛnnibea kunini no hwehwɛɛ asɛm no mu no, wɔde too dwa sɛ nkonim a amanyɔkuo NDC a ɔpanin John Dramani Mahama di wɔn anim no diiɛ no yɛ nokorɛ.[7][8][9]
Afei ne mprɛnsa so no, amanyɔkuo New Patriotic Party(NPP) sane yii Nana Addo dii wɔn anim sɛ ɔnkɔpere ɔmanpanin adwa no bio wɔ afe 2016 Gaanafoɔ abatoɔ no mu. Saa berɛ yi deɛ, ɔde ɔmampanin a na ɔte soɔ, John Mahama akyi kaa fam (mma dodoɔ a ɔde dii nkonim no yɛ ɔha mu nkyekyɛm aduonum mmiɛnsa ne akyiripɔ aduowɔtwe nnum(53.85%). Sɛ wode saa nkonim yi toto abatoɔ ahodoɔ a Gaanafoɔ ato mu nsunsuansoɔ (election results) ho a, ɔno ne Gaana mampanin a ɔdi kan a wadi nkonim kɛse saa wɔ akansifoɔ nkaeɛ no so wɔ abatoɔ abakɔsɛm mu wɔ Ghana ha.[10] Saa nkonim yi sane yɛ berɛ a ɛdi kan a Opposisen Kannifoɔ bi atumi adi mampanin a ɔte adwa so so nkonim, a wantwa ne mfeɛ nwɔtwe no anwie.
Afe 2020 abatoɔ mu no, Nana Addo sane dii nkonim ne mprɛnu so, nyaa aba no mu ɔha mu nkyekyɛm aduonum baako ne akyiripɔ aduonum nkron (51.59%). Aha yi nso, ɔmanpanin dadaa John Mahama antumi amfa n`amanyɔkuo NDC anni nkonim. Afe yi mu no, wɔde Ɔmampanin Nana Addo sii adwa so Ɔpɛpɔn bosome ne da a ɛtɔ so 7, afe 2021 berɛ a na abɔ dɔnko apa ho simma mmiɛnsa (1:30 pm GMT).[11][12][13]
Ɔpɛnimma bosome no mu afe 2021 no, Nana Addo kaa ntam sɛ, ɔbɛdi mmara a ɛwɔ Gaana amammara (1992 Constitution) no mu, a ɛka sɛ, ɛsɛ sɛ ɔmampanin biara di adeɛ mprɛnu pɛ no so. Wei nti, sɛ afe 2024 ba awieeɛ a, Nana Addo rentumi nsane mpere ɔmampanin adwa no bio. Ɛsɛ sɛ obi foforɔ nso bɛtoa so sɛdeɛ amammara no ka no.[14]
{{citation}}
: CS1 maint: archived copy as title (link)
{{cite web}}
: External link in |title=
(help)